Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:58

[1] Yesu kaa eyinom no, ɔne n’asuafo no fii adi kotwaa Asu Kidron, nea turo bi wɔ, na ɔne n’asuafo no kɔɔ mu.

[2] Na Yuda nso a oyii no mae no nim hɔ, efisɛ Yesu ne n’asuafo no taa kohyia hɔ.

[3] Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.

[4] Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hena?

[5] Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ.

[6] Ɛnna osee wɔn sɛ: Mini! no, wopinii nkyirinkyiri, na wɔhwehwee ase.

[7] Ɛnna obisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hena? Na wose: Yesu, Nasareni no.

[8] Yesu buae sɛ: Maka makyerɛ mo sɛ mini; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ!

[9] Sɛ asɛm a ɔkae sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.

[10] Ɛnna Simon Petro a okura nkrante no twee, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa, na otwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko.

[11] Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrante no hyɛ boha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?

[12] Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

[13] na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no.

[14] Nso Kaiafa no ne nea otuu Yudafo no fo sɛ: Eye sɛ onipa biako bewu ama ɔman no.

[15] Na Simon Petro ne osuani biako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panyin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛn ɔsɔfo panyin aban mu hɔ.

[16] Na Petro de, ogyinaa mfikyiri ɔpon no ano. Ɛnna osuani biako a ɔsɔfo panyin no nim no no fii adi bɛka kyerɛɛ ɔbea a ɔhwɛ ɔpon ano no, na ɔde Petro baa mu.

[17] Ɛnna abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano no see Petro sɛ: Wo nso wumfi onipa yi asuafo mu bi anaa? Ose: Dabi.

[18] Nso nkoa ne asomfo no gyinagyina hɔ asɔ ogya, efisɛ awɔw aba, na wɔreto; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bi.

[19] Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu n’asuafo ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.

[20] Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.

[21] Adɛn na wubisa me? Bisa wɔn a wɔtee no, ne nea meka kyerɛɛ wɔn; hwɛ, wɔn na wonim nea mekae.

[22] Na ɔkaa saa no, asomfo no mu biako a ogyina hɔ no bɔɔ Yesu sotɔre kae sɛ: Sɛnea wubua ɔsɔfo panyin ni?

[23] Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ eye a, adɛn nti na wobɔɔ me?

[24] Hana maa wɔde no hama mu kɔmaa ɔsɔfo panyin Kaiafa.

[25] Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wosee no sɛ: Wo nso wumfi n’asuafo no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

[26] Ɔsɔfo panyin no nkoa no mu biako a ɔyɛ nea Petro twaa n’aso no busuani kae sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ?

[27] Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.

[28] Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.

[29] Ɛnna Pilato fii adi baa wɔn nkyɛn, na obisaa wɔn sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia onipa yi?

[30] Wobua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛfo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.

[31] Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na munkobu no atɛn sɛnea mo mmara te. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Yɛn de, yenni ho kwan sɛ yekum obiara.

[32] Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu.

[33] Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa?

[34] Yesu buaa no sɛ: Efi wo ankasa wo tirim na woka eyi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?

[35] Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe?

[36] Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.

[37] Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.

[38] Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware? Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara.

[39] Nso mowɔ amanne sɛ migyaa obiako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo anaa?

[40] Ɛnna wɔn nyinaa teɛɛm bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwowtwafo.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters