Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:11

[1] Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu renya asuafo bebree na ɔrebɔ nnipa pii asu sen Yohane no.

[2] Nso Yesu ankasa de, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafo no.

[3] Ofii Yudea, na osiim kɔɔ Galilea bio.

[4] Na etwa sɛ ɔfa Samaria.

[5] Na afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.

[6] Nso Yakob abura wɔ hɔ. Na sɛ ɛnam sɛ Yesu abrɛ n’akwantu mu nti, ɔtenaa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ awia dumien.

[7] Na ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ bɛtow nsu. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!

[8] Na n’asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.

[9] Ɛnna Samariani bea no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom? (Ɔkaa saa efisɛ na Yudafo ne Samariafo nka.)

[10] Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.

[11] Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi?

[12] So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa?

[13] Yesu bua see no sɛ: Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio.

[14] Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.

[15] Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsu yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛtow nsu.

[16] Osee no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!

[17] Ɔbea no bua kae sɛ: Minni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yiye sɛ wuse: Minni kunu;

[18] na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu.

[19] Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.

[20] Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.

[21] Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

[22] Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.

[23] Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ.

[24] Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.

[25] Ɔbea no see no sɛ: Minim sɛ Mesia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa.

[26] Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no.

[27] Saa bere no ara na n’asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Dɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbea no rekasa yi?

[28] Ɛnna ɔbea no gyaw n’asuhina no, na ɔkɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ:

[29] Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?

[30] Ɛnna wofii kurow no mu baa ne nkyɛn.

[31] Saa bere no mu na n’asuafo no see no sɛ: Rabi, didi!

[32] Na osee wɔn sɛ: Mewɔ aduan midi a munnim.

[33] Enti n’asuafo no sisee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa?

[34] Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.

[35] Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na otwa bere adu? Hwɛ, mise mo sɛ, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa.

[36] Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko.

[37] Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: Obi gu, na obi twa.

[38] Me de, mesomaa mo sɛ munkotwa nea moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo de, moabedi wɔn adwuma so aba.

[39] Na Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii, esiane ɔbea no adanse a odii sɛ: Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti.

[40] Enti, Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu.

[41] Na nnipa pii a ɛsen kan de no gyee no dii n’asɛm nti,

[42] na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.

[43] Na nnanu akyi no, ofii hɔ kɔɔ Galilea.

[44] Na Yesu ankasa dii adanse sɛ odiyifo nni nidi n’ankasa ne kurow mu.

[45] Na oduu Galilea no, Galileafo no a wohuu nea ɔyɛe Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no, efisɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.

[46] Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

[47] Na ɔtee sɛ Yesu fi Yudea aba Galilea no, osiim kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yare; na ɔreyɛ awu.

[48] Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.

[49] Ahenkwaa panyin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa.

[50] Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no dii, na ɔkɔe.

[51] Na ɔrekɔ no, ne nkoa behyiaa no, na wɔkae sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den!

[52] Ɛnna obisaa wɔn dɔn ko a ne ho fii ase yɛɛ no den no; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnɛra bɛyɛ dɔn a ɛto so ason no na atiridii no gyaa no.

[53] Ɛnna agya no hui sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fifo nyinaa gye dii.

[54] Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters