Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:12

[1] Na Farisini bi wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafo panyin bi;

[2] ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.

[3] Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.

[4] Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyin no, wobetumi awo no? Obetumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?

[5] Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.

[6] Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.

[7] Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.

[8] Mframa bɔ nea ɛpɛ, na wote ne nka, na wunnim nea efi ba ne nea ɛrekɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no te.

[9] Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom ayɛ hɔ?

[10] Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom?

[11] Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no.

[12] Sɛ maka mo fam asɛm na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm no a, mubegye adi?

[13] Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.

[14] Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so,

[15] na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.

[16] Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.

[17] Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.

[18] Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni.

[19] Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

[20] Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn.

[21] Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.

[22] Eyinom akyi no, Yesu ne n’asuafo no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu.

[23] Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ asuasu pii wɔ hɔ; na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.

[24] Na wonnya mfaa Yohane ntoo afiase ɛ.

[25] Ɛnna ahodwira ho akyinnyegye bi sɔree Yohane asuafo ne Yudafo ntam.

[26] Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, nea ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya noho a wudii ne ho adanse no, hwɛ, ɔno nso bɔ asu, na nnipa nyinaa ba ne nkyɛn.

[27] Yohane bua kae sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no ansa.

[28] Mo ankasa mudi me adanse sɛ mekae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim.

[29] Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ.

[30] Ɔno de, etwa sɛ ɔdɔre, na me de, me so huan.

[31] Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa,

[32] na nea wahu na wate no, ɛno ho adanse na odi; na obi nnye n’adanse no.

[33] Nea wagye n’adanse no asi gyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.

[34] Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.

[35] Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.

[36] Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters