[1] Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.
[2] Na sɛ ɛyɛ obi sɛ onim biribi a, onnya nhui sɛnea ɛsɛ sɛ ohu.
[3] Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.
[4] Na abosom afɔrebɔde di ho de, yɛn de yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wiase, efisɛ onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara.
[5] Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nneɛma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ no a,
[6] yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.
[7] Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de, abosom ho gyidi a wɔwɔ de besi nnɛ no di sɛ abosom afɔrebɔde, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛw nti, efi ka wɔn.
[8] Na aduan nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yedi a, yɛbɛyɛ ma, anaasɛ yenni a, yɛbɛtɔ sin.
[9] Na monhwɛ yiye, na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua.
[10] Na sɛ obi hu wo a wowɔ nimdeɛ, no sɛ wote abosonnan mu adidii a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛw no nnya nnyinaso nkodi abosom afɔrebɔde anaa?
[11] Ɛnne na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛw, a ne nti Kristo wui no bɛyera.
[12] Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, moreyɛ Kristo bɔne.
[13] Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua.