[1] Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, onsi ne bo de no nkɔ asɛnnii wɔn a wɔnteɛ anim, na ɔmfa no nkɔ ahotefo anim anaa?
[2] Munnim sɛ ahotefo na ebebu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, ɛnsɛ mo sɛ mudi nsɛm nketewa anaa?
[3] Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Na menne asetena yi mu nneɛma?
[4] Na sɛ mowɔ asetena yi mu nneɛma ho nsɛm a, wɔn a wommu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ baguafo?
[5] Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?
[6] Adɛn na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim yi?
[7] Mfomso anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?
[8] Mo mmom na mudi amim, na musisi, na mode yɛ anuanom mpo.
[9] Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da
[10] awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.
[11] Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.
[12] Mewɔ nneɛma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye; mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso memma biribi nhyɛ me so.
[13] Aduan yɛ ɔyafunu dea, na ɔyafunu yɛ aduan dea, na Onyankopɔn bɛma n’abien nyinaa ayɛ ɔkwa. Na nipadua nyɛ aguamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.
[14] Na Onyankopɔn anyan Awurade, na ɔnam ne tumi so benyan yɛn bi.
[15] Munnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ aguaman akwaa? Ɛmpare me!
[16] Anaasɛ munnim sɛ nea ɔde ne ho bɔ aguamammɔfo ho no, na ɔne no ayɛ nipadua koro anaa? Efisɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ ɔhonam koro.
[17] Na nea ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom koro.
[18] Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.
[19] Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?
[20] Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn anuonyam mo nipadua mu.