[1] Paulo, Kristo Yesu somafo a wɔnam Onyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne onua Sostene
[2] de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔatew wɔn ho Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no:
[3] Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
[4] Onyankopɔn adom a wɔde adom mo Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho
[5] sɛ nneɛma nyinaa mu moanya mo ho wɔ no mu, nsɛm ne nimdeɛ nyinaa mu,
[6] sɛnea Kristo adanse no atim mo mu,
[7] amma adom akyɛde biara ammɔ mo, bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyi no;
[8] ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.
[9] Onyankopɔn a wɔnam no so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo, ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.
[10] Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.
[11] Na, me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu.
[12] Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa, anaasɛ me de mewɔ Kefa afa; anaasɛ me de mewɔ Kristo afa.
[13] Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu?
[14] Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo ne Gaio,
[15] na obi anka sɛ mebɔɔ asu mehyɛɛ me din mu.
[16] (Ɛhɛɛ, afei nso mebɔɔ Stefana fifo asu; na nkae no de, sɛ mebɔɔ obi asu a, minnim).
[17] Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ ɔkwa.
[18] Na asɛnnua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de ɛyɛ Onyankopɔn tumi.
[19] Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa.
[20] Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wiase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?
[21] Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa.
[22] Efisɛ Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa;
[23] na yɛn de, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua no ho asɛm; ɔyɛ hintidua ma Yudafo, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo.
[24] Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Helafo oo, saa Kristo yi yɛ Onyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.
[25] Efisɛ Onyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn mmerɛwyɛ yɛ den kyɛn nnipa.
[26] Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo beberee, ɛnyɛ atumfo beberee, ɛnyɛ adehye beberee na wɔafrɛ wɔn,
[27] na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu.
[28] Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn ahwɛ mu ayi, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ,
[29] na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim.
[30] Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.
[31] Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho Awurade mu.