Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:31

[1] Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufo, na mmom sɛ ɔhonam mufo, sɛ Kristo mu nkokoaa.

[2] Nufu na mede memaa mo numii, na ɛnyɛ aduan; efisɛ na muntumi nnye, na mprempren ara mpo muntumi.

[3] Na moda so ara yɛ ɔhonam mufo. Na bere a ahoɔyaw ne mpaepaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipa mu anaa?

[4] Na sɛ obi se: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa a, na monyɛ ɔhonam mufo anaa?

[5] Na Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara wɔ nea Awurade de ama no.

[6] Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii.

[7] Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔmaa no nyinii.

[8] Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.

[9] Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.

[10] Onyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa.

[11] Na fapem foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho.

[12] Nanso sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, sare, burodua to fapem yi so a,

[13] obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ;

[14] sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua.

[15] Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.

[16] Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa?

[17] Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara.

[18] Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo.

[19] Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu.

[20] Na bio: Awurade nim anyansafo nsusuwii sɛ ɛyɛ nsusuwii hunu.

[21] Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nneɛma nyinaa yɛ mo de,

[22] Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owu oo, ɛnnɛ de oo, daakye oo, nneɛma nyinaa yɛ mo dea,

[23] na moyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea.

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo — Chapters