[1] Na ɛfa tow a wɔde kɔma ahotefo no ho de, sɛnea mehyehyɛe Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara.
[2] Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.
[3] Na menya meba a, mɛma wɔn a mode nhoma bɛkyerɛ sɛ wɔsɛ no, de mo ayɛyɛde no akɔ Yerusalem.
[4] Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ bi a, wɔne me akɔ.
[5] Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; efisɛ Makedonia na merekɔfa.
[6] Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ medi awɔw bere nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkɔ no, moagya me kwan.
[7] Na mempɛ sɛ meretwam nko ara na mehu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, medi mo nkyɛn nna kakra.
[8] Na mɛtena Efeso akosi Pentekoste;
[9] efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.
[10] Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso.
[11] Ɛno nti obiara mmmu no animtiaa, na munnya no kwan asomdwoe mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.
[12] Na onua Apolo de, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba mprempren, na mmom onya ho adagyew a, ɔbɛba.
[13] Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.
[14] Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.
[15] Na mitu mo fo, anuanom, munim Stefana fifo sɛ wɔne Akaia aba a edi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefo som no,
[16] sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no.
[17] Na m’ani gye Stefana ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, efisɛ munni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabesi ananmu;
[18] na wɔama me honhom ne mo de ahome. Enti monhwɛ wɔn a wɔte saa no yiye!
[19] Asafo a ɛwowɔ Asia no kyiakyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fi no kyia mo papaapa, Awurade mu.
[20] Anuanom nyinaa kyia mo. Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho.
[21] Me Paulo me nsam nkyia ni.
[22] Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, onnue! Maranata: (Yɛn Awurade, bra!)
[23] Awurade Yesu adom ne mo ntena!
[24] Me dɔ nka mo nyinaa, Kristo Yesu mu. Amen.