[1] Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.
[2] Na miyi mo ayɛ sɛ mokae me ade nyinaa mu, na mukura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu.
[3] Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.
[4] Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne ti so no, onni ne ti ni.
[5] Na ɔbea biara a ɔrebɔ mpae anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne ti so da hɔ no, onni ne ti ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwaw.
[6] Na sɛ ɔbea ankata ne ti so a, ma ɔmmɔ tikwaw nso; na sɛ ɛyɛ ɔbea aniwu sɛ otwitwa ne ti so anaasɛ oyi a, ɛnne ma ɔnkata ne ti so.
[7] Na ɔbarima de, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban ne n’anuonyam; na ɔbea de, ɔyɛ ɔbarima anuonyam.
[8] Na ɔbarima mfi ɔbea mu, na mmom ɔbea na ofi ɔbarima mu;
[9] na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbea.
[10] Ɛno nti na ɛsɛ ɔbea sɛ onya ne ti so tumi a ɛyɛ nkataso, abɔfo nti.
[11] Nso ɔbarima nkwati ɔbea, na ɔbea nkwati ɔbarima, Awurade mu.
[12] Na sɛnea ɔbea fi ɔbarima mu no, sɛ nso ɔbarima nam ɔbea so ba ne no; na ne nyinaa fi Nyankopɔn mu.
[13] Mo ankasa mummu atɛn mo mu: Ɛyɛ fɛ sɛ ɔbea rebɔ mpae na ɔnkata ne ti so anaa?
[14] Ɔbrasu ankasa nkyerɛ mo sɛ ɔbarima gyina ne ti kusuu a, ɛnhyɛ no anuonyam,
[15] na ɔbea de, ogyina ne ti kusuu a, ɛhyɛ no anuonyam? Efisɛ wɔde nwi no ama no sɛ nkataso.
[16] Na sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, yɛn de, yemmu saa bra no, na Onyankopɔn asafo horow no nso nyɛ saa.
[17] Eyi a mehyɛ mo yi, minyi mo ayɛ, efisɛ munhyiam nyɛ adepa, na mmom adebɔne.
[18] Na nea edi kan, muhyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na migye emu bi midi.
[19] Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.
[20] Enti sɛ mubehyia faako a mokɔ Awurade adidi a, ɛnyɛ ye,
[21] efisɛ obiara di n’ankasa aduan ansa, na ɔkɔm de binom, na ebinom nso abobow.
[22] Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ.
[23] Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara ne mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo,
[24] na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Eyi ne me nipadua a worebubu ama mo no; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!
[25] Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!
[26] Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wu no mu ka kosi sɛ ɔbɛba.
[27] Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.
[28] Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ, na wadi abodoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi.
[29] Na nea odi na ɔnom sɛnea ɛnsɛ no, odi nom de atemmu ba n’ankasa ne ho so, efisɛ wammu nipadua no yiye.
[30] Eyi nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔyareyare bebree wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.
[31] Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye a, anka wommu yɛn atɛn;
[32] na sɛ wobu yɛn atɛn a, Awurade no twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ.
[33] Enti, me nuanom, muhyia mu sɛ morebedidi a montwɛn mo ho mo ho!
[34] Na sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi ne fie, na moammehyiam ammenya atemmu. Na nea aka no de, meba a, mabɛtoto no yiye.