Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:07

[1] Da bi, Farisifoɔ mpanin bi ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛpɛɛ no asɛm.

[2] Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa, wɔ ɛkwan a Farisifoɔ no fa so hohoro wɔn nsa, ansa na wɔadidi no so.

[3] Na Yudafoɔ no, ne titire no, Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi.

[4] Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.

[5] Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn nti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni kan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amammerɛ kyerɛ no.”

[6] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ, ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na ɛdi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.

[7] Wɔsom me kwa, na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ no yɛ nokorɛ turodoo!

[8] Mogya Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanneɛ si ananmu.

[9] Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim.

[10] “Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo na ni’ no maa mo! Ɔkaa sɛ, obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wɔku no.

[11] Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’

[12] Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban.

[13] Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”

[14] Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ.

[15] Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi.

[16] Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie.”

[17] Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ fie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase.

[18] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu sɛ, deɛ modiɛ no ngu mo ho fi anaa?

[19] Ɛfiri sɛ, deɛ modiɛ biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”

[20] Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi.

[21] Afei, deɛ ɛfiri nnipa koma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie,

[22] adifudepɛ, amumɔyɛ, nsisie, ahohwie, aniberɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.

[23] Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”

[24] Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Da a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ.

[25] Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a hohommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, ɔbɛbuu no nkotodwe.

[26] Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa hohommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.

[27] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ mma mee ansa. Na ɛnyɛ sɛ wɔde mma aduane ma akraman.”

[28] Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.”

[29] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo mmuaeɛ pa no nti, masa wo babaa no yadeɛ. Kɔ fie. Hohommɔne no afiri ne mu afi.”

[30] Ɔduruu fie no, ohunuu sɛ ne baba no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.

[31] Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a ɛmu nkuro yɛ du no so, beduruu Galilea po so.

[32] Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsan yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ.

[33] Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma.

[34] Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne Bue.

[35] Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, kasaeɛ!

[36] Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mprɛ dodo a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu.

[37] Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu yɛ biribiara yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na mumu nso kasa!”

Marko Asɛmpa No — Chapters