Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:11

[1] Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Da bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii dan maa deɛ ɔwɛn afuo no. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu kwan.

[2] Ɛduu berɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho nipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no.

[3] Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔeɛ.

[4] “Okuafoɔ no san somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi kan no.

[5] Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkum no. Afoforɔ a akyire yi wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkum ebinom nso.

[6] Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuu sɛ wɔbɛfɛre no de nidie ama no.

[7] “Nanso, berɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ. ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnku no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’

[8] Wɔkyeree no, kum no, twee no kɔtoo no twenee baabi.

[9] “Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛku wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ.

[10] Monnkan yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.

[11] Awurade na ɔmaa yei baeɛ, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.’ ”

[12] Na ɛsiane saa bɛ a obuiɛ no nti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkye no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaɛ no, na wɔfirii hɔ kɔe.

[13] Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.

[14] Wɔbisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”

[15] Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.”

[16] Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?” Wɔbuaa sɛ, “Ɔhempɔn no deɛ.”

[17] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa ne deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!” Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn.

[18] Afei, Sadukifoɔ a wɔka se owusɔreɛ nni hɔ no, baa ne nkyɛn bɛdisaa no sɛ,

[19] “Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose yɛɛ mmara maa yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma mma owufoɔ no.

[20] Anuanom baason bi tenaa ase. Deɛ ɔdi kan no waree yere, na ɔne no anwo na ɔwuiɛ.

[21] Na deɛ ɔtɔ so mmienu no nso waree okunafoɔ no, na ɔno nso, ankyɛ na ɔwuiɛ a ɔne no anwo. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso waree no a, ɔne no anwo na ɔwuiɛ.

[22] Yei kɔɔ so kɔsii sɛ, anuanom yi nyinaa waree ɔbaa no, na ɔbaa no nso wuiɛ.

[23] Deɛ yɛpɛ sɛ yɛhu ne sɛ, owusɔreɛ no mu, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere?”

[24] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.

[25] Sɛ anuanom baason yi ne ɔbaa no sɔre firi awufoɔ mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro no.

[26] “Afei, ɛfa awufoɔ nyane no ho no nso, monkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wura a na ɛrehye no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’

[27] “Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose sɛ, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfeɛ pii a atwam no deɛ, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn. Moayɛ mfomsoɔ kɛseɛ.”

[28] Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

[29] Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn, yɛ Awurade korɔ;

[30] na dɔ Awurade wo Nyankopɔn firi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no.

[31] “Na deɛ ɛtɔ so mmienu no ne; ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”

[32] Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no buaa no sɛ, “Owura, woaka nokorɛ sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho,

[33] na menim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afiri me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sene afɔdeɛ biara a wɔbɔ.”

[34] Yesu hunuu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam kwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.

[35] Berɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no se, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba?

[36] Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ, ‘Onyankopɔn ka kyerɛɛ me wura sɛ: Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiase.’

[37] Sɛ Dawid frɛ no Awurade a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no.

[38] Berɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyia wɔn.

[39] Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea.

[40] Nanso, ɛnyɛ wɔn aniwu sɛ wɔtu akunafoɔ firi wɔn afie mu, na wɔyɛ yei a, wɔbɔ mpaeɛ atenten wɔ dwam de kyerɛ sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ. Yei nti wɔbɛnya asotwe a ɛmu yɛ duru.”

[41] Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu.

[42] Ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso baeɛ na ɔde sika mpɛsewa mmienu beguu mu.

[43] Ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi afɔreɛ a ɔbɔeɛ no dɔɔso sene asikafoɔ no nyinaa afɔrebɔdeɛ.

[44] Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama abu wɔn so no mu na wɔyiyii bi de baeɛ, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu no.”

Marko Asɛmpa No — Chapters