[1] Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim kan.
[2] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da homa. Monsane no, na momfa no mmrɛ me.
[3] Na sɛ obi bisa mo sɛ edeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa sɛ, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba seesei ara.’ ”
[4] Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no.
[5] Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na moresane afunumu ba no?”
[6] Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no maa wɔtee wɔn aseɛ.
[7] Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so.
[8] Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara.
[9] Na Yesu di nnipakuo no mfinimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ, “Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!
[10] Anuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba. Hosiana wɔ sorosoro dohoa!”
[11] Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.
[12] Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɔkɔm dee no.
[13] Wɔkɔɔ kakra no, ohunuu sɛ ankaa dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ ankaa no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduu hɔ no, ohunuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa berɛ no nso, na ɛnyɛ berɛ a ɛsɛ sɛ ankaa so.
[14] Nanso, Yesu domee ankaa dua no sɛ, “Ɛfiri nnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no.
[15] Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa,
[16] sii kwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio.
[17] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ bea a wɔbɔ mpaeɛ wɔ hɔ,’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”
[18] Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.
[19] Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu.
[20] Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ ankaa dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu.
[21] Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfoɔ! Ankaa dua a wodomee no no awu!”
[22] Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu a,
[23] anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu,’ na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim.
[24] Montie deɛ mereka yi. Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.
[25] Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa kyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.”
[26] Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ soro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.
[27] Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
[28] “Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?”
[29] Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me!
[30] Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!”
[31] Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni.
[32] Na sɛ yɛka sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
[33] Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!”