Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:18

[1] Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwennwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.

[2] Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafo hene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”

[3] Ɛhɔ ara, asɔfoɔ mpanin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu ne so, nanso wanka hwee.

[4] Pilato bisaa no bio sɛ, “Enti, nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”

[5] Nanso, Yesu anka hwee maa ɛyɛɛ Pilato nwanwa.

[6] Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn.

[7] Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ.

[8] Ɛdɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyi odeduani baako mma wɔn sɛdeɛ daa ɔyɛ no.

[9] Pilato bisaa sɛ, “Mɛnyi ‘Yudafoɔ Hene’ no mma mo anaa?”

[10] Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no nti.

[11] Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba.

[12] Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?”

[13] Wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnuam!”

[14] Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnuam!”

[15] Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnuam.

[16] Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ

[17] Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atenten bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no.

[18] Wɔfitii aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛw sɛ, “Yudafoɔ hene, wo nkwa so!”

[19] Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.

[20] Wɔdii ne ho fɛw wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnuam.

[21] Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo papa wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi.

[22] Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgata a nʼasekyerɛ ne “Nitiri so” hɔ.

[23] Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom.

[24] Afei, wɔbɔɔ no asɛnnuam. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto.

[25] Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnuam.

[26] Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ, “YUDAFOƆ HENE.”

[27] Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnuam kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.

[28] Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu.

[29] Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛw sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ, sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no?

[30] Sɛ wose wo ho yɛ nwanwa a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam.”

[31] Saa berɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!”

[32] Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ hene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnuam no mpo dii ne ho fɛw bi.

[33] Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmmiɛnsa no, sum duruu asase no so nyinaa.

[34] Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?”

[35] Wɔn a wɔgyina hɔ no bi a wɔtee deɛ ɔkaɛ no kaa sɛ, “Montie sɛ ɔrefrɛ Elia.”

[36] Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsa nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ. Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”

[37] Afei, Yesu de nne kɛseɛ teaam bio, na ɔgyaa ne honhom mu wuiɛ.

[38] Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam.

[39] Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”

[40] Saa berɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yose maame ne Salome.

[41] Berɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.

[42] Eduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda no nti,

[43] ɔbadwani nimuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatia a, na ɔretwɛn berɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoduro kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.

[44] Berɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no.

[45] Asraafoɔ panin no kaa sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho kwan sɛ ɔnkɔfa amu no.

[46] Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano.

[47] Na Maria Magdalene ne Yose maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ hɔ.

Marko Asɛmpa No — Chapters