[1] Ɛberɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san bɛtwaa ne ho hyiaeɛ wɔ mpoano hɔ. Yei nti, ɔkɔtenaa kodoɔ mu, toaa ne nkyerɛkyerɛ no so.
[2] Na sɛdeɛ ɔyɔ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ,
[3] “Da bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔgu so regu aba no no,
[4] aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ.
[5] Ebi nso kɔguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔteɛ a ɛwɔ so no nnɔɔso.
[6] Ankyɛ na ɛfifiriiɛ, nanso ɛsiane sɛ dɔteɛ a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ.
[7] Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no nti antumi anso aba,
[8] Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!
[9] Sɛ mowɔ aso a, montie!”
[10] Akyire yi a ɛkaa ɔne dumienu no ne asuafoɔ afoforɔ bi no, wɔbisaa no sɛ, “Asɛm a wokaeɛ no, aseɛ ne sɛn?”
[11] Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn.
[12] Ɛsiane saa nti, ‘Wɔhu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase, na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’
[13] Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase?”
[14] “Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no.
[15] Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa.
[16] Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no.
[17] Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne ntini nkɔ fam. Mfitiaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba.
[18] Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no,
[19] nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nnoɔma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Yei nti, asɛm no ntumi nso aba biara.
[20] “Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree, Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.”
[21] Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ, “Moahunu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butu so? Dabida! Wɔrenhu kanea no hyerɛn anaa wɔrentumi mfa nyɛ hwee. Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfasoɔ.
[22] “Da bi, deɛ ahinta saa berɛ yi no nyinaa bɛda adi.
[23] Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie!
[24] Momfa asɛm a mote no nyɔ adwuma. Moyɔ yei ansa a na mobɛte deɛ meka kyerɛ mo no ase.
[25] Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; deɛ ɔnni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”
[26] Yesu san buu bɛ foforɔ faa Onyankopɔn Ahennie no ho sɛ, “Ɛte sɛ okuafoɔ bi a ɔkɔduaa aburoo wɔ nʼafuom.
[27] Ɔgyaa nʼaburoofuo no hɔ kɔeɛ a wanhwɛ, nanso aburoo no nyinyiniiɛ a ɔnnim ɛkwan a ɛnam so nyiniiɛ
[28] Asase no na ɛmaa aburoo no fifiriiɛ, yii ahaban, turuu mma, nyiniiɛ, hoaeɛ,
[29] maa okuafoɔ no faa ne dadeɛ bɛbuu aburoo no.”
[30] Yesu bisaa sɛ, “Ɛdeɛn ho na mede Ɔsoro Ahennie no bɛto? Ɛdeɛn na menka mfa nkyerɛkyerɛ mu?
[31] Ɛte sɛ onyina aba ketewaa bi.
[32] Ɛwom, ɛyɛ aba ketewaa bi deɛ, nanso sɛ ɛnyini a, ɛka nnutan akɛseɛ no ho. Ɛyiyi mman atenten ma nnomaa yɛ wɔn pirebuo wɔ so.”
[33] Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn.
[34] Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.
[35] Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya dohoa.”
[36] Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi.
[37] Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, maa ɛyɛɛ sɛ ɛremem.
[38] Saa berɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?”
[39] Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!
[40] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?”
[41] Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”