[1] Aka nnanu na Twam ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no adu no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akye Yesu, aku no.
[2] Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkye no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”
[3] Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkuta ngo hwamhwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.
[4] Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, wasɛe ngo no kwa.
[5] Wɔkaa bio nso sɛ, “Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”
[6] Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn nti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho?
[7] Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn berɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.
[8] “Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobɛsie me.
[9] Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.”
[10] Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho.
[11] Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho kwan, ayi no ama berɛ a ɛsɛ mu.
[12] Twam Afahyɛ no da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no.
[13] Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ. “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi.
[14] Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’
[15] Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”
[16] Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam no wɔ hɔ.
[17] Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ.
[18] Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.”
[19] Wɔn nyinaa werɛ hoe, na wɔfitii aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?”
[20] Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako.
[21] Ɛsɛ sɛ miwu sɛnea adiyifo no hyɛɛ me ho nkɔm no, nanso onipaa obeyi me ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”
[22] Berɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Monnye nni; yei ne me nipadua.”
[23] Afei, ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
[24] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree nti wɔrehwie agu.
[25] Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsa yi bio da akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
[26] Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
[27] Woduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ, ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no abɔ apete.’
[28] Na sɛ wɔma me so na mesan ba nkwa mu bio a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.”
[29] Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”
[30] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”
[31] Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.
[32] Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.”
[33] Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fitii aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa.
[34] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”
[35] Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpae sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ.
[36] Ɔkaa sɛ, “Aba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.”
[37] Ɔsan baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako pɛ mpo?
[38] Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no pɛ deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ.”
[39] Ɔsan kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara.
[40] Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no.
[41] Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Berɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi me ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.
[42] Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no wɔ ha!”
[43] Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkutakuta nkrantɛ ne mmaa baa hɔ.
[44] Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkye no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.”
[45] Ɛno nti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu.
[46] Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no.
[47] Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne nkrantɛ de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ.
[48] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Meyɛ owudifoɔ nti na mode nkrantɛ ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa?
[49] Adɛn na berɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”
[50] Asuafo no nyinaa dwane gyaa no.
[51] Aberanteɛ bi a ɔde ntomasin bi asi nʼasen dii nʼakyi.
[52] Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛe sɛ wɔkye no, nanso ogyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee.
[53] Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛ na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ.
[54] Berɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no fie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto gya no mu.
[55] Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi.
[56] Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.
[57] Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ,
[58] “Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ”
[59] Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.
[60] Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfinimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?”
[61] Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”
[62] Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”
[63] Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio?
[64] Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, ɔsɛ owuo.
[65] Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ.
[66] Bere a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ;
[67] na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasaretni Yesu no na ɛnam!”
[68] Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa berɛ no ara na akokɔ bɔnee.
[69] Abaawa no san hunuu no, na ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!”
[70] Petro saneeɛ bio. Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina egya no ho no fitii aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!”
[71] Petro fitii aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
[72] Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔfitii aseɛ suiɛ.