Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:33

[1] Enti momma yɛmfa mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ nea ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakra ne Onyankopɔn ho gyidi,

[2] ne asubɔ horow ho nkyerɛnkyerɛ ne nsaguso ne awufo sɔre ne daa atemmu anto fapem bio.

[3] Eyi na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.

[4] Na entumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bi,

[5] na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden horow ahwɛ,

[6] na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguase mu.

[7] Na asase a ɛnom osu a ɛtaa tɔ gu so, na efifi aduan a eye ma wɔn a wɔn nti wɔdɔw no, nya Onyankopɔn hɔ nhyira no bi.

[8] Na nea efifi nsɔe ne ohwirem no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awiei ne ɔhyew.

[9] Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam de, yɛn ani da nea eye sen saa a ɛbata nkwagye ho so.

[10] Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.

[11] Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu awiei,

[12] na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.

[13] Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, onni nea ɔso sen no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam

[14] sɛ: Ampa ara, nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma woadɔ.

[15] Na ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.

[16] Efisɛ nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den.

[17] Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no adedifo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,

[18] na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu.

[19] Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ a ɛhyɛn mu de kosi ntwamutam no mu,

[20] nea odikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panyin.

Nwoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo — Chapters