[1] Na ɔsɔfo panyin biara, woyi no fi nnipa mu hyɛ no sɔfo ma nnipa, Onyankopɔn fam nneɛma ho, na bɔne nti ɔde ayɛyɛde ne afɔre ama,
[2] sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.
[3] Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔre ma ne ho, sɛnea ɔbɔ ma ɔman no.
[4] Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.
[5] Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho anuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin, na mmom nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ!
[6] Sɛnea ɔkae baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo panyin, Melkisedek akwan so.
[7] Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no.
[8] Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie,
[9] na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae,
[10] a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no sɔfo panyin Melkisedek kwan so.
[11] Ɛno ho na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den, nanso ka mo aso asisiw.
[12] Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufusu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den.
[13] Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu, na ɔyɛ akokoaa.
[14] Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu.