Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:23

[1] Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu

[2] a odi nea ɔde no sii hɔ no nokware, sɛnea Mose nso dii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware no.

[3] Na oyi de, wɔabu no sɛ anuonyam bebree sɛ no, sen Mose, te sɛ nea osi ofi wɔ nidi bebree sen ofi no.

[4] (Efisɛ ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.)

[5] Na Mose de, odii Nyankopɔn fi nyinaa mu nokware sɛ ɔsomfo, sɛ obedi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanse.

[6] Na Kristo de, odi ne fi so sɛ ɔba; nso ne fi no ne yɛn, nanso gye sɛ yeso anidaso no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kosi awiei.

[7] Enti, sɛnea Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

[8] mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu, sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ,

[9] nea mo agyanom gyigyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛe, na wohuu me nnwuma mfirihyia aduanan.

[10] Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan;

[11] sɛnea mekaa ntam m’abufuw mu no: Wɔrenhyɛn me home mu da.

[12] Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.

[13] Na mmom muntutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ, “Ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.

[14] Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako

[15] Sɛ wɔka sɛ: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, mummpirim mo koma sɛ ahiyi no mu a,

[16] na ɛhefo na wɔtee a wɔtew atua no? Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so fii Misraim nyinaa no anaa?

[17] Na ɛhefo ho na ɛyɛɛ no ahi mfirihyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu sare so no anaa?

[18] Na ɛhefo na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛn ne home mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no?

[19] Na yehu sɛ ogye a wɔannye anni nti, wɔantumi anhyɛn n'ahomegye no mu.

Nwoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo — Chapters