[1] Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne akwan horow so, nam adiyifo kasa kyerɛɛ agyanom no,
[2] nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.
[3] Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,
[4] na wakyɛn abɔfo no mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no.
[5] Na abɔfo mu hena na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ? Na bio: Mɛyɛ no Agya, na wayɛ me ɔba?
[6] Na onya de abakan no ba wiase bio a, ose: Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no!
[7] Na abɔfo no ho de, ose: Ɔyɛ n’abɔfo mframa ne n’asomfo ogyaframa
[8] Na ɔba no ho de, ose: Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daapem daapem, w’ahenni poma yɛ poma a ɛteɛ.
[9] Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahosan ngo asra wo asen wo mfɛfo.
[10] Na: Awurade, mfiase no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.
[11] Ɛnonom bɛsɛe, na wo de, wowɔ hɔ ara, na ne nyinaa besuw sɛ atade,
[12] na wobɛbobɔw no sɛ ofuratam, na wɔasakra wɔn sɛ atade; na wo de, wote sɛ wote ara, na wo mfe renhi da.
[13] Na abɔfo no mu hena ho na waka pɛn sɛ: Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso?
[14] Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?