Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:34

[1] Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛso na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

[2] na sɛ asɔrefo a wɔatew wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa?

[3] Na mmom bɔne ho nkae wɔ mu daa afirihyia,

[4] efisɛ anantwinini ne mmerekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.

[5] Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.

[6] Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani.

[7] Ɛno na mekae sɛ: Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.

[8] Kan no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne nea wɔnam mmara so de ma).

[9] Ɛno na ɔkae sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ nea wopɛ; oyi nea edi kan, na ɔde nea ɛto so abien no asi hɔ.

[10] Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmae no so atew yɛn ho prɛko.

[11] Na ɔsɔfo biara sɔfo gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔre koro no ara a entumi nyi bɔne mfi hɔ da.

[12] Na ɔno de, onya bɔɔ bɔne ho afɔre biako no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.

[13] Na nea aka ne sɛ ɔtwɛn kodu sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiaso.

[14] Na ɔde afɔre koro a ɔbɔe no ayɛ wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ.

[15] Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanse. Efisɛ ɔkae kan sɛ:

[16] Eyi ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem,

[17] Ɔka toa so sɛ: Na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio.

[18] Na nea eyinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.

[19] Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron hɔ,

[20] esiane ɔkwan a wɔasiesie yɛn, ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,

[21] ne sɛ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti,

[22] momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.

[23] Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn, efisɛ ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no,

[24] na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.

[25] Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.

[26] Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio,

[27] na mmom nea aka ne atemmu akwanhwɛ bi a ɛyɛ hu, ne ogya a ɛrebɛhyew atamfo no pasaa.

[28] Sɛ obi po Mose mmara a, ɔkwati mmɔborohunu gyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so wu.

[29] Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no?

[30] Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn.

[31] Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.

[32] Na monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.

[33] Ebi ne sɛ monam ahohora ne ahohia so yɛɛ aguasode, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfo.

[34] Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.

[35] Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene.

[36] Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.

[37] Na aka kakraa bi na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.

[38] Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.

[39] Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.

Nwoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo — Chapters