Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:17

[1] Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no abue nsɔano nson no mu deɛ ɛdi kan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, “Bra!”

[2] Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no kuta agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔe sɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim.

[3] Afei, Odwammaa no buee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka sɛ, “Bra!”

[4] Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.

[5] Afei, Odwammaa no buee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kuta nsania mmienu.

[6] Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ da koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ da koro akatua. Nanso, nsɛe ngo no ne nsa no!”

[7] Afei, Odwammaa no buee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka sɛ, “Bra!”

[8] Mehwɛeɛ na mehunuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefoɔ no din Owuo a Asaman di akyire pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu nan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, yadeɛ ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkum wɔn.

[9] Afei Odwammaa no buee nsɔano a ɛtɔ so num no ano. Mehunuu afɔremuka bi na aseɛ na wɔn a wɔkum wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidie dii adanseɛ no akra wɔ.

[10] Wɔde nne a ano yɛ den kaa sɛ, “Otumfoɔ Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ! Woretwɛn akɔsi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn na wɔatwe wɔn aso sɛ wɔkunkum yɛn?”

[11] Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra kɔsi sɛ wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho.

[12] Na mehunuu sɛ Odwammaa no buee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano yɛ den baeɛ maa owia yɛɛ tumm sɛ tuntum, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ sɛ mogya.

[13] Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ akutu bunu ma ɛte gu fam pɛ.

[14] Ɔsoro yeraeɛ te sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ, ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ.

[15] Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa huntahuntaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.

[16] Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no sɛ, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie sɛdeɛ ɛbɛyɔ a deɛ ɔte ahennwa no so no ani nhu yɛn na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano.

[17] Wɔn abufuo no da kɛseɛ adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”

Yohane Adiyisɛm — Chapters