[1] Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa.
[2] Ɔteaam dendeenden sɛ, “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ahonhommɔne ne honhom a wɔn ho nte rehunahuna no. Nnomaa fi a wɔmpɛ wɔn asɛm nyinaa te ne mu.
[3] Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼadwamammɔ nsa a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ. Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so adwumayɔfoɔ nam nʼahonya so nyaa wɔn ho.”
[4] Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri soro ka sɛ, “Momfiri, me nkurɔfoɔ! Momfiri ne mu mfi! Mommfa mo ho mmfra bɔne a ɔyɛ no mu; mo ne no nnkyɛ nʼasotweɛ!
[5] Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, na Onyankopɔn kae nʼakwammɔne no.
[6] Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no bi a ano yɛ den mmɔho mmienu.
[7] Momma ɔnhunu amane na ne werɛ nho sɛ animuonyam ne nʼahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa. Menyɛ okunafoɔ, me werɛ renho da!’
[8] Ɛsiane yei nti, nʼamanehunu bɛba ne so da bi, yadeɛ, awerɛhoɔ ne ɔkɔm. Na wɔde egya ahye no, ɛfiri sɛ, Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no so.”
[9] Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no, hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.
[10] Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ, “Due! Due, O, kuro kɛseɛ, O Babilonia, kuro a ɛwɔ tumi. Ɛfiri sɛ dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatɛmmuo aba.”
[11] Adwumayɔfoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nnoɔma bio.
[12] Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asommɛn adwinnie nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɔ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemmaa,
[13] ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsa ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nnipadua ne nnipa akra bio.
[14] Adwumayɔfoɔ no ka kyerɛ no sɛ, “Nnoɔma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.”
[15] Adwumayɔfoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ,
[16] na wɔaka sɛ, “Due! Due, O, kuro kɛseɛ a ofira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu.
[17] Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asa.” Nsuom ahyɛnkafoɔ ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɔfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɔ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri
[18] suiɛ wɔ berɛ a wɔhunuu egya a ɛrehye no no wisie no. “Kuro biara a ne kɛseɛ te saa mmaa bio.”
[19] Wɔtoo mfutuma guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ, “Due! Due O kuro kɛseɛ, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam nʼahonya so yɛɛ adefoɔ. Na dɔnhwere baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!”
[20] Ma wʼani nnye wɔ ne ho. O, ɔsoro! Mogya adansefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so nti, Onyankopɔn abu no atɛn.
[21] Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee po mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene fam a wɔrenhu no bio.
[22] Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne torobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwimfoɔ biara wɔ mo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ mo mu bio.
[23] Kanea hann renhyerɛn wɔ mo mu bio. Wɔrente ayefokunu ne ayefoyere nne wɔ mo mu bio. Wʼadwumayɔfoɔ yɛ wiase mu nnipa titire. Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.
[24] Wɔtwee Babilonia aso ɛfiri sɛ, ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne mogya adansefoɔ ne wɔn a wɔkum wɔn asase so nyinaa mogya.”