Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:41

[1] Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korogyenn sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so

[2] a, ɛtene fa kuro no abɔnten mfinimfini. Asuo no fa biara nkwa dua si hɔ a afe biara ɛso aba mprɛ dumienu na ɔbosome biara pɛnkoro. Ɛso ahaban no, na wɔde sa aman ahodoɔ no yadeɛ.

[3] Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa wɔ kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no.

[4] Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so.

[5] Adeɛ rensa wɔ hɔ bio na akanea anaa hann ho nhia ɛfiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ sɛ ahene daa daa.

[6] Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no.”

[7] Yesu kaa sɛ, “Montie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wɔtie adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no!”

[8] Me, Yohane, mate na mahunu saa nnoɔma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nnoɔma yi nyinaa nan ase som no.

[9] Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nwoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”

[10] Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no asumasɛm, ɛfiri sɛ, berɛ abɛn sɛ saa nwoma yi nyinaa ba mu.

[11] Obiara a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no nkɔ so nyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, na deɛ ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; deɛ ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na deɛ ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”

[12] Yesu se, “Montie! Mereba nnansa yi ara! Mede mʼabasobɔdeɛ bɛbrɛ obiara sɛdeɛ obiara dii ne dwuma.

[13] “Mene Alfa ne Omega deɛ ɛdi kan ne deɛ ɛtwa toɔ, Mfitiaseɛ ne Awieeɛ.

[14] Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ ma ɛfiri, na wɔn na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔdi nkwa dua no aba na wɔfa kuro no pono no mu.

[15] “Na Kuro no akyi na akraman ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi no nyinaa wɔ.

[16] Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nwoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”

[17] Honhom no ne ayefoyere no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, ‘Bra!’ Na deɛ osukɔm de no no mmra; na deɛ ɔpɛ no nso ɔmmɛgye nkwa nsuo no kwa.”

[18] Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nwoma yi mu no ho.

[19] Na sɛ obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya wɔ nkwa dua no aba no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nwoma yi mu no.

[20] Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka sɛ, “Nokorɛ! Mereba nnansa yi ara!” Ɛnyɛ saa. Bra, Awurade Yesu!

[21] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.

Yohane Adiyisɛm — Chapters