Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:54

[1] Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam a na ɔkuta ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduro bi

[2] Ɔkyeree ɔwɔ kɛseɛ dada a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfeɛ apem.

[3] Ɔbɔfoɔ no too no twenee ebunu no mu too mu safoa sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mfeɛ apem no bɛtwam. Ɛno akyi wɔbɛgyaa no kakra.

[4] Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so. Wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi nti, wɔakunkum wɔn no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyinaeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyinaeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi.

[5] Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi kan.

[6] Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii kan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.

[7] Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ;

[8] na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ sa.

[9] Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, egya firi soro bɛsɛee wɔn.

[10] Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no too egya tadeɛ ne sɔfere a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayaayadeɛ awia ne anadwo daa daa.

[11] Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne soro dwanee wɔ nʼanim a wɔanhunu bio.

[12] Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no.

[13] Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma te.

[14] Na wɔtoo owuo ne asaman guu egya tadeɛ no mu. Saa egya tadeɛ yi ne owuprenu no.

[15] Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee egya tadeɛ no mu.

Yohane Adiyisɛm — Chapters