Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 8:44

[1] Yei kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Anaasɛ yɛhia adansedie nkrataa a ɛfiri yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛdeɛ afoforɔ hia no anaa?

[2] Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn koma mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a obiara bɛhunu na wakan.

[3] Mo te sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ adubiri na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ pono so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa koma mu.

[4] Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam.

[5] Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɔ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn.

[6] Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.

[7] Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ pono so, nanso animuonyam a na ɛkuta no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ,

[8] enti apam a Honhom no de ba no rennya animuonyam mmorosoɔ?

[9] Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛneɛ deɛ a ɛma yɛfata Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so?

[10] Nokorem Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ nti mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera.

[11] Na sɛ na animuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, animuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.

[12] Ɛsiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛwɔ akokoduro.

[13] Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no.

[14] Nanso nteaseɛ a wɔn annya no nti ɛbɛsi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ onipa ma Kristo ho kwan.

[15] Ɛbɛsi nnɛ, berɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so.

[16] Nanso ɛbɛtumi afiri hɔ sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ. “Mose de ne ho maa Awurade no, ne nkatanimu no firii hɔ.”

[17] Kenkansɛm yi mu no “Awurade” yɛ Honhom, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahofadie wɔ hɔ.

[18] Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no ma yɛ sɛ yɛn Awurade nimuonyamfoɔ no.

II Korintofoɔ — Chapters