Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:52

[1] Anuanom a moyɛ Onyankopɔn adwumayɔpɛfoɔ, yɛsrɛ mo sɛ, monnnye Onyankopɔn adom no kwa.

[2] Onyankopɔn se, “Metiee wo berɛ a ɛsɛ sɛ meyɛ wo adɔeɛ, meboaa wo da no nam so gyee wo nkwa.” Montie! Dɔnhwere yi mu na ɛsɛ sɛ monya Onyankopɔn adom na ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da no.

[3] Yɛmpɛ sɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmpɛ sɛ yɛde huntidua to obiara kwan mu.

[4] Biribiara a yɛbɛyɔ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano.

[5] Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɔ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasiri pɛ, akyene kɔm.

[6] Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ dɔ,

[7] yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfoɔ so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.

[8] Wɔhoahoa yɛn na wɔgu yɛn anim ase. Wɔya yɛn na wɔakamfo yɛn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ.

[9] Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔanku yɛn.

[10] Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.

[11] Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokorɛ akyerɛ mo.

[12] Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn koma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo koma mu.

[13] Seesei, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nnsie yɛn. Mommue mo koma mu!

[14] Monnnyaa mo ho mmma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?

[15] Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na gyidini ne deɛ ɔnyɛ gyidini wɔ yɔ?

[16] Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka sɛ, “Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.”

[17] Awurade se, “Ɛsɛ sɛ mogya wɔn na mote mo ho firi wɔn ho. Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho na mɛgye mo.

[18] Mɛyɛ mo Agya na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.”

II Korintofoɔ — Chapters