[1] Nka akwakoraa anim, na mmom, hyɛ no nkuran, sɛdeɛ wobɛyɛ ama wo papa. Sɛdeɛ wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabunu,
[2] yɛ mmaa mpanimfoɔ sɛ wo maamenom, na mmabaawa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammaa wɔ kronnyɛ mu.
[3] Ma wʼani nku mmaa akunafoɔ a wɔnni ahwɛfoɔ ho.
[4] Sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, deɛ ɛdi kan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofoɔ ne nananom ka, ɛfiri sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
[5] Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ ampa ara no a ɔnni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidasoɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpaeɛ srɛ ne mmoa.
[6] Nanso, sɛ okunafoɔ bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawuo.
[7] Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ.
[8] Na sɛ obi nhwɛ ne fifoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no.
[9] Mfa okunafoɔ biara a ɔnni mmoroo mfeɛ aduosia din nka akunafoɔ din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ waware prɛko pɛ,
[10] na afei wagye din wɔ nneyɔeɛ pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a watete ne mma yie na ɔgyee ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔhohoroo Onyankopɔn nan ase na ɔboaa ahokyerefoɔ na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahodoɔ nyinaa yɔ.
[11] Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Ɛfiri sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsane ware a, wɔte wɔn ho firi Kristo ho
[12] na ɛma wɔdi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a ɛdi kan so.
[13] Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn berɛ kɔ afie afie mu na deɛ ɛnyɛ koraa ne sɛ, wɔdi nsekuo yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka.
[14] Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɔ a atamfoɔ nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn.
[15] Akunafoɔ bi de wɔn ho ama ɔbonsam dada.
[16] Sɛ ɔbaa gyidini bi wɔ akunafoɔ wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yie na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafoɔ a aka wɔn nko no.
[17] Mpanimfoɔ a wɔyɔ nnwuma pa sɛ akannifoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔdwene wɔn ho ma wɔn akatua mmienu; ne titire no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsane kyerɛkyerɛ nso.
[18] Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nkyekyere nantwie a ɔsi aburoo no ano!” Bio, “Odwumayɔfoɔ akatua fata no!”
[19] Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanin bi so no gye sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim.
[20] Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim badwam na abɔ afoforɔ hu.
[21] Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka sɛ di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanimu biara nni mu.
[22] Sɛ ɛhia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadie no mu a, mpepere ho. Twe wo ho firi bɔne a ɔfoforɔ yɛ ho na ma wo ho nte.
[23] Nnom nsuo nko ara na mmom ɛyɛ wo yafunu ne wo yadeɛ a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom nsa kakra.
[24] Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atɛmmuo mu, nanso afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyire yi.
[25] Saa ara nso na nneyɔeɛ payɛ no da adi pefee. Na deɛ ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhunta.