[1] Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa.
[2] Asafopanin yɛ obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgye ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso.
[3] Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ.
[4] Ɛsɛ sɛ ɔtumi hwɛ ne fifoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma yɛ ɔsetie de obuo ne nidie ma no.
[5] Na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?
[6] Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no.
[7] Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de nnidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no.
[8] Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafoɔ nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ.
[9] Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no.
[10] Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.
[11] Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wɔnni nsekuo. Biribiara mu ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ.
[12] Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fifoɔ yie.
[13] Wɔn a wɔyɛ adwuma pa no nya nnyinaso pa na wɔde nnam yɛ ka gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no ho asɛm.
[14] Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn.
[15] Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ.
[16] Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahuntasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn: “Ɔbaeɛ onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfoɔ hunuu no, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, na wiase gyee no diiɛ, wɔfaa no kɔɔ soro animuonyam mu.”