[1] Mʼafotuo ne sɛ, deɛ ɛdi kan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpaeɛ, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa;
[2] monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.
[3] Yei yɛ, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a
[4] ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhu nokorɛ no ani.
[5] Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no.
[6] Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Yei yɛ adansedie a ɛbaa berɛ a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa.
[7] Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne Amanamanmufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ!
[8] Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho teɛ so, deɛ abufuo ne akyinnyeɛ nni mu bɔ mpaeɛ.
[9] Afei, mehwehwɛ sɛ mmaa brɛ wɔn ho ase na wɔfa kwan a ɛfata so siesie wɔn ho. Wɔmmɔ wɔn ti sɛ mmaa ahobrɛasefoɔ; wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den nsiesie wɔn ho.
[10] Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi sɛ mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ.
[11] Ɛsɛ sɛ mmaa de kommyɛ ne ahobrɛaseɛ sua adeɛ.
[12] Memma mmaa ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wɔnnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm.
[13] Ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.
[14] Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbaa no na wɔdaadaa no ma ɛnam so maa ɔbuu Onyankopɔn mmara so.
[15] Na sɛ ɔbaa tena ase gyidie, ɔdɔ, kronnyɛ ne ahobrɛaseɛ mu a ɔbɛwo asomdwoeɛ mu.