[1] Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,
[2] ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne nidie mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu.
[3] Mommfa nnoɔma foforɔ bi nnkeka mo ho mma mo ho nnyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira.
[4] Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ komamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
[5] Saa kwan yi so na mmaa gyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.
[6] Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa.
[7] Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaebɔ kwan.
[8] Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase.
[9] Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, na mommfa ɔya nso nntua ɔya so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno nti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira.
[10] Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie na ɔhunu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
[11] Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.
[12] Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaebɔ na ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.”
[13] Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo?
[14] Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nnha mo.
[15] Momfa nidie mma Kristo wɔ mo koma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Berɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ.
[16] Momfa obuo ne nidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ ɛba sɛ wɔyeya mo a, wɔn a wɔyeya mo sɛ moyɛ Kristo akyidifoɔ no anim bɛgu ase wɔ yeya a wɔyeya mo no ho.
[17] Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne.
[18] Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛn korɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkum no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu,
[19] na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no.
[20] Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn berɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too nebo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa.
[21] Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani fihohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa.
[22] Kristo kɔ soro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi hene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne wiem atumfoɔ so.