[1] Montwe mo ho mfiri bɔne nyinaa, atorɔ anaa nyaatwom anaa anibereɛ anaa oburo kasa ho.
[2] Monyɛ sɛ nkɔkoaa a berɛ biara sukɔm de mo, sɛ mobɛnya honhom mu nufusuo kronn anom, na sɛ monom a moanyini na wɔagye mo nkwa.
[3] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ.”
[4] Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.
[5] Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn.
[6] Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweaatiboɔ a obiara a ɔbɛgye no adi no, wɔrenni no hwammɔ.”
[7] Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no: “Ɛboɔ a abantofoɔ apo no, ɛbɛyɛɛ tweaatiboɔ.”
[8] Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.
[9] Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu.
[10] Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no.
[11] Mʼadɔfoɔ, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asie no ho.
[12] Mommɔ ɔbra pa wɔ manmufoɔ a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.
[13] Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ wiase nhyehyɛɛ nyinaa: Ni titire Ɔhenepɔn a ɔdi obiara so.
[14] Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhenepɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔnkamfo wɔn a wɔyɛ papa no.
[15] Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɔeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ.
[16] Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho nti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ.
[17] Momfa nidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom gyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn.
[18] Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni.
[19] Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ.
[20] Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo.
[21] Yei nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.
[22] Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.
[23] Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtɛmmufoɔ pa no mu.
[24] Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. Nʼakuro mu na moanya ayaresa.
[25] Na mote sɛ nnwan a wɔayera, nanso afei deɛ, wɔde mo asane aba sɛ mommɛdi Odwanhwɛfoɔ no ne mo Krasohwɛfoɔ no akyi.