Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:58

[1] Saa krataa yi firi Yesu Kristo somafoɔ Petro nkyɛn. Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no.

[2] Wɔnam Agya Onyankopɔn botaeɛ so na wɔyii mo na wɔnam ne Honhom so te mo ho sɛ monni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ma ne mogya no ate mo ho. Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo.

[3] Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Ɛsiane nʼahummɔborɔ dodoɔ nti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so maa yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim,

[4] enti yɛrehwɛ anim sɛ yɛbɛnya nhyira dodoɔ a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ soro ama mo ɛfiri sɛ, ɛhɔ deɛ, ɛremporɔ anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso.

[5] Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahu.

[6] Ɛwom sɛ, ebia seesei ɛbɛba sɛ, ɛsiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛho deɛ, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.

[7] Ɔhaw ba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wɔtumi sɛe no no mpo, wɔde egya sɔ hwɛ enti mo gyidie a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hunu sɛ, ɛbɛtumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mobɛnya animuonyam.

[8] Ɛwom sɛ monhunuu Yesu, nanso modɔ no. Monhu no seesei deɛ, nanso mogye no di. Anigyeɛ a moanya no boro so

[9] ɛfiri sɛ, mo gyidie ho mfasoɔ a ɛyɛ mo kra nkwagyeɛ no, mo nsa reka.

[10] Saa nkwagyeɛ yi ho na adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm.

[11] Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu berɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa berɛ yi ne berɛ a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne animuonyam a ɛbɛdi akyire no ho.

[12] Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ no sɛ, wɔanyɛ adwuma no amma wɔn ho, na mmom, wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firii soro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛwom sɛ abɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbɛte Asɛmpa yi deɛ, nanso wɔde brɛɛ mo nko ara.

[13] Enti, monsi mo adwene pi na monni dwuma. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.

[14] Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so berɛ a na monnim no nnni mo so.

[15] Na mmom, monyɛ kronn wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronn no.

[16] Atwerɛsɛm no Ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronn, ɛfiri sɛ, meyɛ kronn.”

[17] Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ soro a mobɔ no mpaeɛ no nhwɛ nnipa anim wɔ nʼatɛmmuo mu. Ɛno nti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa nidie nyinaa mma no.

[18] Ɛfiri sɛ, monim bo a wɔtua de gyee mo firii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ adeɛ a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no.

[19] Kristo a ɔte sɛ odwammaa a ɔnni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔdeɛ a ne boɔ yɛ den maa monyaa ahofadie.

[20] Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a ɛdi akyire yi no, wɔdaa no adi.

[21] Ɛnam ne so na mogyee Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam no diiɛ. Ɛnam so ama mo gyidie ne mo anidasoɔ atim wɔ Onyankopɔn mu.

[22] Afei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no nti, mo ho ate na mododɔ mo nuanom gyidifoɔ nokorɛ mu yi, momfiri mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho.

[23] Ɛfiri sɛ, wɔawo mo foforɔ; ɛmfiri aba ɛporɔ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔ mu.

[24] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nnipa nyinaa te sɛ serɛ; na wɔn animuonyam te sɛ nhwiren. Ɛserɛ no wu ma ne nhwiren no po,

[25] nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” Yei ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.

I Petro — Chapters