[1] Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.
[2] Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka.
[3] Na asɔfo mpanyimfo no totoo n’ano pii.
[4] Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wummua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔka gu wo so yi!
[5] Na Yesu ammua hwee bio ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.
[6] Nso daa, afahyɛ no mu no, ogyaa ɔdeduani biako biara a wɔsrɛ no ma wɔn.
[7] Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia aban no, na wɔadi awu basabasayɛ no mu no mpokyerɛ.
[8] Na nkurɔfokuw no kɔe kofii ase srɛɛ no dennennen sɛ ɔnyɛ sɛnea ɔyɛ ma wɔn daa no.
[9] Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo?
[10] Na ohui sɛ nitan nti na asɔfo mpanyimfo no yii no mae.
[11] Na asɔfo mpanyimfo no hwanyan nkurɔfokuw no mu sɛ wɔmma onnyaa Baraba mmom mma wɔn.
[12] Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdɛn na mopɛ sɛ meyɛ nea mofrɛ no Yudafo hene no?
[13] Na wɔteɛɛm bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu!
[14] Na Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛɛm dennennen sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.
[15] Na Pilato pɛe sɛ ɔsɔ nkurɔfokuw no ani nti, ogyaa Baraba maa wɔn; na Yesu de, ɔhwee no mpire no, oyii no mae sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
[16] Na asraafo no de no kɔɔ amrado aban no adiwo hɔ, na wɔfrɛɛ asraafokuw no nyinaa hyiae.
[17] Na wɔhyɛɛ no atade kɔkɔɔ bi, na wɔnwenee nsɔe abotiri hyɛɛ no,
[18] na wofii ase kyiaa no sɛ: Yudafo hene, Mo!
[19] Na wɔde abaa paa n’atifi, na wɔtoo ntasu guu no so, na wobuu nkotodwe sɔree no.
[20] Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii atade kɔkɔɔ no, de n’ankasa atade hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
[21] Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.
[22] Na wɔde no koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota; (ne nkyerɛase ne tikwankorabea so).
[23] Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhuam afra mu, nanso wannye.
[24] Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto hwehwɛɛ nea ɛbɛyɛ obiara de.
[25] Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.
[26] Na wɔkyerɛw n’afɔdisɛm no wɔ n’atifi sɛ: YUDAFO HENE NO!
[27] Na wɔsɛn akwamukafo baanu kaa ne ho, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ ne benkum;
[28] [na kyerɛw a ese: Wɔakan no afra amumɔyɛfo mu no baa mu].
[29] Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no wosow wɔn ti kae sɛ: Ao, wo a wudwiriw asɔredan na wusi no nnansa ni!
[30] Gye wo ho fi asɛnnua no so si fam!
[31] Saa ara na asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no dii ne ho fɛw wɔ wɔn ntam sɛ: Ogyee ebinom, na ontumi nnye ne ho.
[32] Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.
[33] Na dɔn a ɛto so asia no mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii dɔn a ɛto so akron.
[34] Na dɔn a ɛto so akron no mu no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A ne nkyerɛase ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me yi?
[35] Na wɔn a wogyina hɔ no binom tee no, wɔkae sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!
[36] Na obiako tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na onipa ko kae sɛ: Munnyae mma yɛnhwɛ sɛ, Elia bɛba abeyi no asi fam anaa?
[37] Na Yesu de nne kɛse teɛɛm no, owui.
[38] Na ntama a etwa asɔredan mu no mu tew abien fi soro besii fam.
[39] Na asraafo ha so panyin a ogyina n’anim ntentenso no tee sɛ ɔteɛɛm saa na ɔrewu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Onyame ba!
[40] Na mmea bi nso wɔ hɔ a na wogyina akyirikyiri rehwɛ, na Maria Magdalene nso ne Yakob kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;
[41] nso ɔwɔ Galilea no, na wodi n’akyi, na wɔsom no, ne mmea afoforo pii a wɔka no ho baa Yerusalem no.
[42] Na enya duu anwummere, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a edi homeda anim no nti,
[43] Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.
[44] Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, efisɛ onnim sɛ wawu ampa anaa; na ɔfrɛɛ asraafo ha so panyin no bisaa no sɛ owui akyɛ anaa?
[45] Na asraafo ha so panyin no bɛkae sɛ wawu no, ɔde amu no kyɛɛ Yosef.
[46] Na Yosef tɔɔ nwera, na oyii Yesu de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbotan bi mu mu, na opiaa ɔbo de kataa ɔda no ano.
[47] Na Maria Magdalene ne Maria, Yose ne na, huu faako a wɔde no toe.