[1] Na ofii ase nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobeturo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw tuu bata.
[2] Na bere no dui no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.
[3] Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe.
[4] Na bio ɔsomaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔbobɔɔ no piraa no wɔ ne tirim, guu n’anim ase.
[5] Na ɔsomaa ɔfoforo; na ɔno de, wokum no; ɛne afoforo pii nso, na wɔhwee ebinom, na wokum ebinom.
[6] Nanso na aka obiako, ne ba a ɔdɔ no; na akyiri no, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.
[7] Na akuafo no de, wosisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; mommra mma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn dea.
[8] Na wɔfaa no kum no twee no fii bobe turom hɔ tow no kyenee.
[9] Dɛn na bobe turo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no, na ɔde bobe turo no ama afoforo.
[10] Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.
[11] Awurade na ɔmaa eyi bae, na so ɛnyɛ nwonwa yɛn ani so anaa?
[12] Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no, nanso na wosuro nkurɔfokuw no; na wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wogyaw no hɔ siim kɔe.
[13] Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.
[14] Na wɔbae no, wosee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo; na wonhwehwɛ biribi mfi obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Yentua anaasɛ yenntua?
[15] Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ!
[16] Na wɔde bae. Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni? Na wosee no sɛ: Kaesare dea.
[17] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa.
[18] Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ:
[19] Kyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw too hɔ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ogyaw ɔyere, na wannyaw mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no.
[20] Nso anuanom baasɔn tenaa ase, na nea odi kan waree yere; na owui no, wannyaw mma.
[21] Na nea ɔto so abien no waree no, na owui. Na ɔno nso wannyaw mma. Na nea ɔto so abiɛsa nso saa ara.
[22] Enti nnipa baasɔn no nyinaa waree no, na wɔannya mma. Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui.
[23] Na enti owusɔre mu no, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baasɔn no waree no.
[24] Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ onim a munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom so yi anaa?
[25] Na wonya sɔre fi awufo mu a, wɔnware, nso wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro.
[26] Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?
[27] Ampa ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. Na mo de, mofom so pii.
[28] Na kyerɛwfo no mu biako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnye na ohui sɛ wabua wɔn yiye no ba bebisaa no sɛ: Mmara asɛm a edi ne nyinaa kan ne nea ɛwɔ he?
[29] Na Yesu bua see no sɛ: Nea edi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro;
[30] na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.
[31] Na nea ɛto so abien no ni: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm biara nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.
[32] Na kyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfo, woaka no nokware sɛ: Onyankopɔn yɛ biako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara;
[33] na sɛ wobɛdɔ no afi koma nyinaa ne adwene nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sen ɔhyew afɔre ne mogya afɔre nyinaa.
[34] Na Yesu hui sɛ wabua no nyansam no, osee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahenni ntam kwan nware. Na obi antumi ammisa no asɛm biara bio.
[35] Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi no, ɔkae sɛ: Adɛn na kyerɛwfo no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba?
[36] Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kae sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ntiaso.
[37] Dawid no ara frɛ no Awurade; na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ne ba? Na nkurɔfo pii no ara de anigye tiee no.
[38] Na osee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew ne gua so nkyia
[39] ne mpanyimfo nkongua hyia adan mu ne mpanyimfo tenabea adidi ase ho;
[40] wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛboro so.
[41] Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim no, ɔhwɛe sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu; na adefo pii de bebree beguu mu.
[42] Na ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba abien a ɛbɛyɛ kaprɛ beguu mu.
[43] Na ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa.
[44] Na wɔn nyinaa fi nea wɔwɔ na abu wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu; na oyi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa, na ɔde abegu mu.