[1] Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ soro.
[2] Mommɔ mpaeɛ daa. Mo mpaebɔ mu, monyɛ nnam na monna Onyankopɔn ase.
[3] Berɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahuntasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno nti na meda afiase no.
[4] Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.
[5] Berɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ gyidifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu.
[6] Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa.
[7] Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɔfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɔ mu somfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.
[8] Ɛno nti na meresoma no wɔ mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no.
[9] Onua Onesimo a ɔyɛ nokwafoɔ ɔdɔfoɔ na ɔsane fra mo kuo mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.
[10] Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyea mo. Saa ara na Barnaba wɔfase Marko nso kyea mo. Wɔaka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so.
[11] Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ gyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.
[12] Kristo Yesu somfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ.
[13] Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
[14] Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo.
[15] Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no.
[16] Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no.
[17] Monka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Bɔ mmɔden sɛ wobɛwie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”
[18] Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo ni: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.