[1] Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wɔnhunuu me da no hunu adwuma denden a mereyɔ ma wɔn.
[2] Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛ yɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no.
[3] Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.
[4] Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mmfa akyinnyehunu nnaadaa mo.
[5] Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn.
[6] Ɛsiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena.
[7] Monnye ntini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase.
[8] Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum.
[9] Ɛfiri sɛ, Kristo wɔ Onyankopɔn tebea mu
[10] na wɔde ne mayɛ ama mo. Ɔkorɔn sene honhom ne tumi biara.
[11] Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii nipadua a ɛho nteɛ no tumi ase.
[12] Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyanee mo baa nkwa mu, ɛfiri sɛ na mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn tumi mu, deɛ ɛnyanee Kristo firii awufuo mu no.
[13] Ɛsiane mo bɔne nti, berɛ bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufoɔ ne Amanamanmufoɔ a monni Mmara. Nanso, afei Onyankopɔn anyane yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn.
[14] Onyankopɔn popaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asɛnnua so kɔbɔɔ no asɛnnua mu.
[15] Ɛhɔ na Kristo dii mpaninnie ne tumidie nyinaa so. Ɔmaa wiase nyinaa hunuu sɛdeɛ ɔfaa wɔn sɛ nneduafoɔ berɛ a ɔhyɛɛ ne nkonimdie ho fa no.
[16] Enti, mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa deɛ modi anaa monom, deɛ ɛfa nna kronkron anaa deɛ ɛfa asrane foforɔ afahyɛ anaa deɛ ɛfa Homeda ho mmma mo.
[17] Saa nnoɔma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsum. Kristo ne ɔpapa no.
[18] Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfoɔ nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehunu. Saa ahantanfoɔ yi wɔ anifere su.
[19] Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ nipadua no nyina Ti no dea bio. Kristo na ɔma nipadua no ahoɔden na ɔka nipadua no akwaa nyinaa bɔ mu, ma ɛnyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no.
[20] Mo ne Kristo awu nti moate mo ho afiri ahonhom a wɔdi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na modi saa mmara no so sɛ,
[21] “Monnsɔ yei mu,” “Monnni yei,” “Mommfa mo nsa nka afoforɔ?”
[22] Nso sɛ wɔde yeinom nyinaa di dwuma a, ne nyinaa sɛe. Ɛyɛ onipa mmara ne ne nkyerɛkyerɛ.
[23] Ayɛ sɛ saa Mmara yi so die yɛ paa ara, na ɛma wo dɔ Onyankopɔn, brɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso, saa mmara yi nni tumi biara wɔ mo apɛdeɛ so.