Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:43

[1] Na mihui, na hwɛ, Oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.

[2] Na metee nne bi fi soro te sɛ nsu bebree nne ne aprannaa kɛse nne. Na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔrebɔ wɔn asanku.

[3] Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko.

[4] Eyinom ne wɔn a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun, wɔn na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu ayɛ wɔn aba a edi kan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no,

[5] na wɔanhu atoro bi wɔ wɔn anom; na wonni dɛm.

[6] Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa,

[7] na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.

[8] Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babel kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.

[9] Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abiɛsa dii wɔn akyi de nne kɛse teɛɛm sɛ: Sɛ obi kotow aboa no ne ne honi no, na ogye agyirae de si ne moma anaa ne nsa so a,

[10] ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne Oguammaa no anim.

[11] Na wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkotow aboa no ne ne honi, ne obiara a obegye ne din agyirae no, rennya ɔhome awia ne anadwo.

[12] Ɛha na ahotefo boasetɔ wɔ, wɔn a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu no.

[13] Na metee nne bi fii soro a ɛkae sɛ: Kyerɛw sɛ: Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se: Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.

[14] Na mihui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te omununkum no so, na ɔbɔ sika abotiri na okura kantankrankyi nnamnam bi.

[15] Na ɔbɔfo foforo fi asɔredan no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: Tow wo kantankrankyi twitwa, efisɛ twa bere adu, na asase so nneɛma ahoa.

[16] Na nea ɔte mununkum no so no de ne kantankrankyi tow asase so, na wotwitwaa asase so nneɛma nyinaa.

[17] Na ɔbɔfo foforo fii soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam.

[18] Na ɔbɔfo foforo a ɔwɔ ogya so tumi fii afɔremuka no mu de nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ nea okura kantankrankyi nnamnam no sɛ: Tow wo kantankrankyi nnamnam no twitwa asase so bobe akasiaw, efisɛ n’aba no abere.

[19] Na ɔbɔfo no de ne kantankrankyi no tow asase so, na otwitwaa asase so bobe aba, na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse no mu.

[20] Na wotiatiaa nsa-kyi-amoa no so kurow no akyi, na mogya fii nsa-kyi-amoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.

Yohane Adiyisɛm — Chapters