[1] Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekye bi, sɛ honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehye ne timmɔbɔ bi wɔ hɔ a,
[2] momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro.
[3] Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ara mo ho.
[4] Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.
[5] Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi.
[6] Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,
[7] na mmom ɔpaa ne ho akyi faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa,
[8] ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, yiw, asɛnnua ho wu mu po.
[9] Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so,
[10] sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotow, nea ɛwɔ ɔsoro, nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase.
[11] Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.
[12] Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie;
[13] na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.
[14] Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegye nyɛ ade nyinaa,
[15] na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,
[16] sɛ mukura nkwa asɛm no mu yiye, sɛnea Kristo da no mahoahoa me ho sɛ ammirika a mitui anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.
[17] Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidi ne som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurusi.
[18] Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnye, na mo ne me nni ahurusi.
[19] Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ama waba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.
[20] Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;
[21] efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de.
[22] Na ɔno de, sɛnea munim no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛnea ɛte wɔ ɔba ne n’agya ntam.
[23] Ɔno na m’ani da no so sɛ minya mihu sɛnea m’asɛm bewie ara pɛ a, mɛsoma no.
[24] Na mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba.
[25] Nanso masusuw ho sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfo ne yɔnko sraani ne mo somafo ne me dɛɛfo, ma ɔba mo nkyɛn;
[26] efisɛ n’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare.
[27] Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyare de, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko, na me nso bi, na m'awerɛhow annɔɔso.
[28] Ɛno nti na mabɔ mmɔden asoma no, na sɛ muhu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhow so ahuan.
[29] Enti momfa anigye nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, munkura wɔn nidi mu!
[30] Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nneɛma nyinaa mu.