[1] Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.
[2] Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no.
[3] Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.
[4] Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.
[5] Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi,
[6] na osee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, tow wo ho kyene fam; na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo.
[7] Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!
[8] Na ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tententen bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam,
[9] na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo.
[10] Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.
[11] Ɛnna ɔbonsam gyaw no hɔ, na hwɛ, abɔfo bae bɛsom no.
[12] Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, osiim kɔɔ Galilea.
[13] Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so,
[14] na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ:
[15] Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea,
[16] ɔman a wɔte sum mu no ahu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte owu asase so ne ne sunsuma mu no, hann bi apue ama wɔn.
[17] Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.
[18] Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo.
[19] Na osee wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.
[20] Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi.
[21] Na ofi hɔ kɔɔ n’anim no, ohuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakob ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu; na ɔfrɛɛ wɔn.
[22] Na ntɛm ara wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi.
[23] Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.
[24] Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.
[25] Na nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapoli no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.