Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:26

[1] Nanso, anuanom, yɛrema moahu Onyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no,

[2] efisɛ wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, woyii wɔn ayamye kɛse adi kyerɛe,

[3] na midi wɔn ho adanse sɛ, wɔde wɔn ankasa pɛ mae sɛnea wobetumi, wɔma ma no boroo wɔn ahoɔden so po,

[4] na wɔkotow srɛɛ yɛn pii sɛ, yennye ɔsom a wɔsom ahotefo no mu adom ne ayɔnkofa.

[5] Na ɛnyɛ sɛnea na yɛn ani daa so no, na mmom wɔnam Onyankopɔn pɛ so, dii kan de wɔn ho maa Awurade ne yɛn nso,

[6] na ama yɛasrɛ Tito sɛ, sɛnea ofii ase kan no, onwie adom no nso saa ara wɔ mo mu.

[7] Na sɛnea moboro so nneɛma nyinaa mu no, gyidi ne ɔkasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adom yi mu nso.

[8] Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa ahwɛ.

[9] Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.

[10] Na m'adwen a ɛwɔ eyi ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei muwie nea afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko na mufii ase yɛe, na mmom munyaa ho pɛ no nso.

[11] Na afei munwie ne yɛ no nso, na sɛnea mowɔ koma a ɛpɛ no, moafi nea mowɔ no mu awie ne yɛ saa ara.

[12] Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.

[13] Na ɛnyɛ sɛ ebinom ho dwo wɔn, na mo de mo ho hiahia mo, na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti;

[14] na saa bere yi mu, mo mmoroso akogu wɔn hia mu, na wɔn mmoroso nso abegu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ,

[15] sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔboaboa bebree ano no, annya ammoro so, na nea ɔboaboa ketewaa bi ano no, anhia no hwee.

[16] Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu.

[17] Ɛwom sɛ yɛn afotu na otiei de, nanso ne mmɔdemmɔ boro so nti, ɔde n’ankasa ne pɛ so ɔreba mo nkyɛn.

[18] Na yɛasoma no ne onua bi a woyi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no,

[19] na ɛnyɛ eyi nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnantew nkura adɔe a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ankasa anuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛse no.

[20] Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛde kɛse a yɛsom ho yi ho;

[21] na yedwen nea ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na nnipa anim nso.

[22] Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfo wɔ nneɛma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛm a ɔwɔ mu no nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.

[23] Na Tito de, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfo ma mo; yɛn nuanom no de, wɔyɛ asafo horow no asomafo ne Kristo anuonyam.

[24] Enti munyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo horow no anim.

Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo — Chapters