Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:06

[1] Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.

[2] Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.

[3] Na obiara a ɔwɔ ne ho anidaso yi no, ɔtew ne ho sɛnea ɔno ho tew.

[4] Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato.

[5] Na munim sɛ ɔno de, oyii ne ho adi sɛ ɔrebɛsoa bɔne, na bɔne nni ne mu.

[6] Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu no, nanso onnim no.

[7] Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Nea ɔyɛ nea ɛteɛ no, ɔteɛ sɛnea ɔno nso teɛ.

[8] Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.

[9] Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, efisɛ ne su te ne mu, na ontumi nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn na wawo no.

[10] Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.

[11] Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,

[12] ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.

[13] Anuanom, wiase tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa.

[14] Yɛn de, yenim sɛ yɛatwam afi wu mu akɔ nkwa mu, efisɛ yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ no te wu mu.

[15] Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentena owudifo biara mu.

[16] Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.

[17] Na nea ɔwɔ wiase asetenade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?

[18] Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.

[19] Na eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ,

[20] sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.

[21] Adɔfo, sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnne yɛde nnam kɔ Onyankopɔn anim,

[22] na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.

[23] Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.

[24] Na nea odi n’ahyɛde so no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na nea yɛde hu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.

Yohane Nhoma A Edi Kan — Chapters