Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:56

[1] Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a ɛmu yɛ den sene afoforɔ.

[2] Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne nipadua no so.

[3] Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ.

[4] Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no nanso wɔtumi de kudɔɔ ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a ɔhyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ.

[5] Saa ara na tɛkrɛma te: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nnoɔma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ egya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ.

[6] Tɛkrɛma te sɛ egya. Ɛyɛ wiase bi wɔ onipa akwaa mu a ɛyɛ bɔne. Ɛsɛe nipadua no na amanehunu huru to nipadua no nyinaa mu gya ma ɛdɛre framfram.

[7] Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa,

[8] nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma.

[9] Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so.

[10] Ano korɔ no ara mu na nkamfoɔ ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa.

[11] Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba?

[12] Me nuanom, ankaa bɛtumi aso paya dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso akutuo? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.

[13] Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi.

[14] Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya wɔ mo koma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ.

[15] Saa nyansa yi mfiri soro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso.

[16] Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya wɔ no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi wɔ hɔ.

[17] Nanso, nyansa a ɛfiri soro no yɛ kronn; asomdwoeɛ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɔeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso.

[18] Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no.

Yakobo — Chapters