[1] Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia.
[2] Ɔkyinkyiniɛ faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa.
[3] Berɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ.
[4] Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihito ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no.
[5] Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa.
[6] Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.
[7] Nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Ɛsiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom.
[8] Na akanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu.
[9] Berɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfrɛnsee ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu.
[10] Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!”
[11] Afei, ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu paanoo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ.
[12] Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ fie.
[13] Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ.
[14] Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene.
[15] Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto.
[16] Ɛsiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔrenkyɛ wɔ Asia.
[17] Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no.
[18] Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ.
[19] Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree deɛ, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɔɔ mʼadwuma sɛ Awurade somfoɔ.
[20] Monim sɛ berɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhunta mo.
[21] Mebɔɔ Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.
[22] “Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ.
[23] Deɛ menim ara ne sɛ, kuro biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane.
[24] Sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo.
[25] “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm makyerɛ mo no mu biara renhu me bio.
[26] Ɛno nti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me.
[27] Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhunta mo.
[28] Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn.
[29] Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo.
[30] Berɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi.
[31] Ɛno nti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfenhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo.
[32] “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa.
[33] “Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma.
[34] Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no.
[35] Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɔ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’ ”
[36] Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ.
[37] Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie.
[38] Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛho koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrenhu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no hyɛn no mu.