Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:02

[1] Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom,

[2] mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka sɛ yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no wɔ.

[3] Mommma obiara nnaadaa mo saa kwan yi so. Saa Da no remma da gye sɛ atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wadane ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi.

[4] Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn.

[5] Monkae sɛ berɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo.

[6] Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ berɛ no duru a ɔbɛba.

[7] Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkuta ne mu no afiri hɔ.

[8] Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no.

[9] Ɔbɔnefoɔ no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne,

[10] na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, ɛfiri sɛ, wɔannye nokorɛ no antom, annɔ nokorɛ no na wɔnam so anya nkwa.

[11] Yei nti, Onyankopɔn soma mfomsoɔ tumi ma ɛkɔhyɛ wɔn mu na ɛnam so ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ adi.

[12] Awieeɛ no ara ne sɛ, wɔn a wɔnnye nokorɛ no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wɔbɛbu wɔn atɛn.

[13] Anuanom, ɛsɛ sɛ berɛ biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Ɛfiri sɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a modi kan a wɔbɛgye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron wɔ mo gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ mu no mu.

[14] Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu.

[15] Enti, anuanom, monnyina pintinn na monka mo ho mmata nokorɛ a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nwoma no mu no.

[16] Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidasoɔ pa no,

[17] nkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

II Tesalonikafoɔ — Chapters