[1] Akyire yi a yɛhunuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene.
[2] Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɔ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den,
[3] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔtaa no nti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn.
[4] Berɛ a na yɛne mo wɔ hɔ no, yɛdii kan ka kyerɛɛ mo sɛ, wɔbɛtaa yɛn na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi.
[5] Ɛno nti na mesomaa Timoteo, Ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa no sɛ ɔmmɛhwɛ mo gyidie mu. Me wɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa.
[6] Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo no ara pɛ.
[7] Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
[8] ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
[9] Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim.
[10] Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo wɔ mo gyidie mu.
[11] Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn.
[12] Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no.
[13] Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo koma mu ayɛ kronn a nkekaawa biara nni mu wɔ Agya Nyankopɔn anim.