[1] Me mma, meretwerɛ yei abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔteneneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn.
[2] Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
[3] Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no.
[4] Sɛ obi ka sɛ, “Menim no”, nanso ɔnni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofoɔ a nokorɛ nni ne mu.
[5] Na obiara a ɔtie nʼAsɛm no yɛ obi a nokorɛm, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛ yɛ. Yei na ɛma yɛgye to mu sɛ yɛte ne mu.
[6] Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anamɔn akyi.
[7] Anuanom, saa mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɛyɛ mmara dada a moate firi mfitiaseɛ pɛɛ no. Mmara dada no yɛ adeɛ a moate ho asɛm dada.
[8] Nanso, mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi yɛ foforɔ na ɛmu nokorɛ no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.
[9] Obiara a ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtane ne nua no wɔ sum mu bɛsi saa dɔnhwere yi mu.
[10] Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne.
[11] Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani.
[12] Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
[13] Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi mfitiaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so.
[14] Mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim Agya no. Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi mfitiaseɛ no. Mmabunu, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden. Onyankopɔn asɛm no te mo mu na moadi ɔbonsam so.
[15] Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase dea. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.
[16] Biribiara a ɛyɛ wiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, ɛmu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi wiase.
[17] Wiase ne mu nnoɔma a ɛwɔ mu a nnipa hwehwɛ no retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa.
[18] Me mma, awieeɛ no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ Kristo Tamfoɔ no bɛba, nanso seesei, Kristo atamfoɔ bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahunu sɛ ampa awieeɛ no abɛn.
[19] Nokorɛm, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wɔgyaa yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ. Nanso, wɔgyaa yɛn hɔ, sɛdeɛ wobɛhu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.
[20] Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no.
[21] Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no nti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma.
[22] Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa.
[23] Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso.
[24] Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfitiaseɛ no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfitiaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa.
[25] Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no.
[26] Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho.
[27] Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.
[28] Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoduro na yɛmfa aniwuo nkohunta da a ɔbɛba no.
[29] Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba.